Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Korintofo 12

Nipadua Koro

12 Kristo te onipadua baako a ɛwɔ akwaa bebree; ɛwɔ mu ɛwɔ akwaa bebree de, nanso ɛyɛ nipadua koro no ara. 13 Wɔnam saa ɔkwan koro no ara so abɔ yɛn Yudafo ne amanamanmufo ne nkoa ne yɛn a yɛde yɛn ho no asu. Wɔnam Honhom Kronkron koro no so abɔ yɛn asu ahyɛ saa onipa koro no ara mu. Na wɔde saa Honhom Kronkron no ama yɛn nyinaa se yɛnnom. 14 Onipadua no ankasa nyɛ akwaa baako; ɛyɛ akwaa bebree.

15 nan ka se, "Esiane menyɛ nsa nti, menka nipadua no ho" a, ɛnyɛ ɛno na ɛremma no nyɛ nipadua no fa bi. 16 Na aso ka se, "Esiane menyɛ aniwa nti, menka nipadua no ho" a, ɛnyɛ ɛno na ɛremma no nyɛ nipadua no fa bi. 17 Na nipadua no nyinaa aniwa a, anka ɛbɛyɛ dɛn ate asɛm? Na ɛyɛ aso a anka ɛbɛyɛ dɛn ahua ade? 18 Sɛnea Onyankopɔn no no na ɔde akwaa biara sii. 19 nipadua no nyinaa akwaa koro a, anka nipadua no bɛyɛ dɛn? 20 Sɛnea ɛte no, akwaa gu ahorow, nanso nipadua no baako .

21 Eyi nti, aniwa ntumi nka nkyerɛ nsa se, "Wo ho nhia me!" Saa ara na eti rentumi nka nkyerɛ nan se, "Wo ho nhia me!" 22 Saa ara na yɛrentumi nyɛ biribiara a akwaa a ɛyɛ mmerɛw no nka ho mma ɛnyɛ yiye. 23 Akwaa a yesusuw enni mu pii no mmom na yɛhwɛ no yiye, na nea ɛnyɛ nipadua ho no nso yɛhwɛ no yiye pa ara. 24 Na akwaa a edi mu no, saa ɔhwɛ no ho nhia no. Onyankopɔn ankasa nam ɔkwan bi so akeka nipadua no asisi anim de ahyɛ akwaa a wommu no no anuonyam. 25 Enti nkyekyɛmu biara nni nipadua no mu. Akwaa no nyinaa keka wɔn ho wɔn ho mu. 26 akwaa baako ho ka a, akwaa a aka no nyinaa ho ka bi. Na wɔkamfo akwaa no bi a, anigye ka akwaa a aka no nyinaa.

27 Enti mo nyinaa moyɛ Kristo nipadua. Na mo mu biara nʼakwaa.

Veja também