14 Nanso obi a onni Honhom no rentumi nnya akyɛde a efi Onyankopɔn Honhom no mu. Ɔrente ase da biara da; ɔfa no sɛ nsɛm a aba nni mu, efisɛ wogyina Honhom no nko so na wobetumi anya ntease a ɛsɛ. 15 Onipa a Honhom no te ne mu no tumi sese biribiara nanso obiara rentumi mmu no atɛn. 16 Kyerɛwsɛm no ka se,
"Hena na onim Awurade adwene?
Hena na obetumi atu no fo?"
Nanso yɛn de, yɛwɔ Kristo adwene no bi.