Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Coríntios 7

Aware Ho Afotusɛm

1 Afei, nea ɛfa nsɛm a mokyerɛw de brɛɛ me no ho ni: Eye ɔbarima nware. 2 Nanso esiane aguamammɔ nti ɛsɛ ɔbarima biara nya ɔno ankasa ne yere, na ɔbea biara nso nya ɔno ankasa ne kunu. 3 Ɛsɛ ɔbarima nʼasɛde okunu na ɔbea nso nʼasɛde ɔyere na wɔn mu biara boa ne yɔnko. 4 Ɔyere nipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na ɛyɛ okunu no nso de bi. Saa ara na okunu no nso nipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na mmom ɛyɛ ɔyere no nso de bi. 5 Mommfa mo ho nkame mo ho mo ho. Gye mo nyinaa pene so bere tiaa bi a morebɔ mpae; na muwie mpaebɔ no a munhyia mu na ɔbonsam ansɔ mo anhwɛ, efisɛ, muntumi nni mo ho so. 6 Menka saa asɛm yi ɔhyɛ so, na mmom mereka no mama mo ho kwan. 7 Ɛkaa me nko a na anka mo nyinaa te me. Nanso obiara ɔdom akyɛde sononko bi a Onyankopɔn de ama no. Oyi nʼakyɛde na ɔfoforo nso nʼakyɛde.

8 Afei asɛm a mereka akyerɛ asigyafo ne akunafo ne : Eye mo nko ara mobɛtena ase sɛnea mete yi. 9 Na morentumi nhyɛ mo ho so nso a monkɔwareware. Eye mobɛware sen mobɛhyɛ mo ho ahometew.

10 Mo awarefo nso, mewɔ ɔhyɛ nsɛm bi a emfi me na efi Awurade nkyɛn se: Ɛnsɛ ɔbea gyaa ne kunu. 11 ɛba saa a, ɛnsɛ ɔware bio; anaasɛ nso wɔka ɔne ne kunu bo mu. Saa ara na ɛnsɛ okunu nso gyaa ne yere.

12 Mo a moaka no meka kyerɛ mo, efi mʼankasa na emfi Awurade, Okristoni barima yere a ɔnyɛ Okristoni na ɔbea no pene so ɔne no bɛtena ase a, ɛnsɛ ɔbarima no gyaa no. 13 Saa ara nso na Okristoni bea okunu a ɔnyɛ Okristoni na ɔbarima no pene so ɔne no bɛtena a, ɛnsɛ ɔbea no gyaa no. 14 Esiane a ɔbarima a ɔnyɛ Okristoni de ne ho abɔ ɔbea no nti, Onyankopɔn begye no na ɔbea a ɔnyɛ Okristoni no nso, esiane a ɔde ne ho abɔ ɔbarima no nti, Onyankopɔn bɛtew ne ho. anyɛ saa a, wɔn mma bɛyɛ abosonsomfo mma nanso sɛnea ɛte yi de, wɔbɛyɛ kronkron.

15 Na nso wɔn mu nea ɔnyɛ Okristoni no ɔtew ne ho fi Okristoni no ho a, momma no kwan. ɛba saa a, Okristoni no, ɛyɛ okunu anaa ɔyere no, de ne ho. Onyankopɔn afrɛ mo montena ase asomdwoe mu. 16 Ɔyere a woyɛ Okristoni, ɛbɛyɛ dɛn na woahu worentumi nnye wo kunu nkwa? Na okunu a woyɛ Okristoni nso, ɛbɛyɛ dɛn na woahu worentumi nnye wo yere nkwa?

17 Mo mu biara ntena ase tebea a Awurade de ama no no, sɛnea na ɔte a Onyankopɔn frɛɛ no no mu. Eyi ne mmara a mekyerɛ asafo biara mu. 18 twetiatwani bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ ɔpepa twetia no ho nsɛnkyerɛnne biara. ɔbarima nso a ontwaa twetia bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ otwa twetia. 19 Efisɛ obi atwa twetia na ɔfoforo nso ntwaa twetia no nka hwee. Nea ɛho hia ne wubedi Onyankopɔn mmara so. 20 Sɛnea obiara te a Onyankopɔn frɛɛ no no, ɔntena mu saa ara.

21 Onyankopɔn frɛɛ wo no na woyɛ akoa ana? Mma ɛno nhaw wo na wowɔ ɔkwan bi a wubetumi afa so ade wo ho a, fa so. 22 Efisɛ akoa a Awurade afrɛ no no Awurade nipa a ɔde ne ho. Saa ara nso na obi a ɔde ne ho a Kristo afrɛ no no Kristo akoa. 23 Onyankopɔn tɔɔ mo aboɔden, ɛno nti monnyɛ nkoa mma nnipa. 24 Anuanom, ɛsɛ mo mu biara tena ase Onyankopɔn mu sɛnea na mote ansa na wɔrefrɛ mo no.

25 Nea ɛfa asigyafo ho nso no ni: Minnyaa ɔhyɛ nsɛm biara mfii Awurade nkyɛn, nanso meka mʼadwene te obi a Onyankopɔn mmɔborɔhunu nti wɔagye me ato mu. 26 Wudwen mprempren ɔhaw yi ho a, misusuw eye onipa tena ase sɛnea ɔte biara. 27 Wowɔ ɔyere? wowɔ ɔyere a, nyɛ wʼadwene woregyaa no. Wonwaree ana? wonwaree a nhwehwɛ ɔyere. 28 Nanso woware a wonyɛɛ bɔne ɛ. ɔbabun ware a ɔnyɛɛ bɔne ɛ. Nanso esiane ɔhaw a saa aware no de ba nti, na anka mepɛ mobɛkwati saa ɔhaw no.

29 Nea mekyerɛ ne , anuanom, bere a aka no sua. Efi saa bere yi ɛsɛ mmarima a wɔawareware tena ase sɛnea wɔnwaree da; 30 wɔn a wosu sɛnea wɔn werɛ nhowee; wɔn a wɔserew sɛnea wonni anigye; wɔn a wɔtɔ sɛnea nea wɔtɔe no nyɛ wɔn de; 31 wɔn a wɔde wiase abɔ wɔn bo sɛnea wonhuu bi da. Na sɛnea wiase yi te mprempren yi renyɛ saa nkyɛ.

32 Mempɛ biribiara haw mo. Ɔbarima a ɔnwaree no, ɛsɛ ɔde ne ho ma Awurade adwumayɛ; efisɛ ɔbɔ mmɔden Awurade ani bɛsɔ no; 33 nanso ɔbarima warefo de ne ho to wiase nneɛma so, efisɛ ɔpɛ ɔsɔ ne yere ani, 34 enti wɔtwe no afanu no nyinaa. Ɔbea a ɔnwaree anaa ɔbabun de ne ho ma Awurade adwuma ɔhonam ne honhom fam; nanso ɔbea a waware no de ne ho to wiase nneɛma so, efisɛ ɔpɛ ɔsɔ ne kunu ani. 35 Mereka saa asɛm yi, efisɛ mepɛ meboa mo. Merenhyehyɛ mmara bi mma mo. Na mmom mepɛ moyɛ nea eye na ɛteɛ na mode mo ho nyinaa ma Awurade adwuma.

36 ɛhaw ɔbarima bi a ɔne ɔbea ahyehyɛ aware ontumi nyɛ nʼasɛde, na ɔbarima no ntumi nhyɛ nʼakɔnnɔ so nti ɔpɛ ɔware a, ɛsɛ ɔware sɛnea ɔhwehwɛ no. Bɔne biara nni eyi ho. 37 Nanso eye mmom ɔbɛhyɛ ne ho so na wasi nʼadwene pi ɔrenware. 38 Eye ɔbarima ware de, nanso anka wanware koraa a na eye.

39 ɔbea warefo kunu te ase a, ɔnne ne ho; na ne kunu no wu de a, ɔwɔ ho kwan ɔware ɔfoforo a ɔpɛ; nanso ɛsɛ ɛyɛ Kristo aware. 40 Na otumi tena ase sɛnea ɔte no nso a, ne ho bɛtɔ no yiye. Mʼadwene ni, na migye di me nso mewɔ Onyame Honhom.

Veja também