3 Ɛsɛ sɛ ɔbarima yɛ nʼasɛde sɛ okunu na ɔbea nso yɛ nʼasɛde sɛ ɔyere na wɔn mu biara boa ne yɔnko. 4 Ɔyere nipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na ɛyɛ okunu no nso de bi. Saa ara na okunu no nso nipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na mmom ɛyɛ ɔyere no nso de bi.