12 Me mma, merekyerɛw mo,
efisɛ esiane Kristo din nti, wɔde mo bɔne akyɛ mo.
13 Agyanom, merekyerɛw mo,
efisɛ munim nea ɔte ase fi mfiase no.
Mmabun, merekyerɛw mo,
efisɛ moadi ɔbonsam so.
14 Mma, merekyerɛw mo,
efisɛ munim Agya no.
Agyanom, merekyerɛw mo,
efisɛ munim nea ɔte ase fi mfiase no.
Mmabun, merekyerɛw mo,
efisɛ mowɔ ahoɔden.
Onyankopɔn asɛm no te mo mu
na moadi ɔbonsam so.
15 Monnnɔ wiase anaasɛ biribiara a ɛyɛ wiase de. Sɛ modɔ wiase a, na ɛkyerɛ sɛ monnnɔ Agya a ɔwɔ mo mu no.