Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Coríntios 10

Paulo Yi Ne Ho Ano

1 Me, Paulo a mewɔ mo nkyɛn a meyɛ mmerɛw, na minni mo nkyɛn nso a mewɔ akokoduru ma mo no, me na mitu saa fo yi. Mesrɛ me Kristo a ɔyɛ ɔyamyefo no din mu : 2 meba a monnhyɛ me mma menkasakasa mo anim. Minim yiye metumi anya akokoduru nnipa a wɔka se wiase adwene na yɛde di dwuma no no ho. 3 Ɛyɛ nokware yɛte wiase, nanso yennyina wiase tumi so yɛn ko mu. 4 Akode a yɛde ko no mfi wiase. Ɛyɛ Onyankopɔn akode a ano den a yebetumi de asɛe atamfo pampim a wɔabobɔ no. Yɛsɛe akyinnyehunu. 5 Yɛsɛe akwanside biara a etia Onyankopɔn ho nimdeɛ no. Yɛto adwene biara nnareka ma wɔyɛ osetie ma Kristo. 6 mo setie wie pɛyɛ na obi san asoɔden ɔkwan biara so a, yɛbɛtwe nʼaso.

7 Sɛnea nneɛma te no ara na muhu. Obi a ɔkari ne ho ka se, ɔyɛ Kristo de ana? Onii no nkari ne ho bio nhwɛ, efisɛ yɛn nso yɛyɛ Kristo de sɛnea ɔno nso ne de no. 8 Ɛnyɛ me aniwu aba mede tumi a Awurade de ama me memfa nhwɛ mo na munyin na memmfa nsɛe mo no bɛhoahoa me ho. 9 Mempɛ modwene mede me nkrataa a makyerɛw mo no rehunahuna mo. 10 Obi bɛka se, "Paulo nkrataa mu nsɛm no yaw nanso ɔba yɛn nkyɛn a, ɔyɛ bɔkɔɔ na ne nsɛm nso nka hwee!" 11 Ɛsɛ saa onipa no te ne ho ase , nsonoe biara nna nsɛm a ɛwɔ yɛn nkrataa a yɛkyerɛw no bere a yenni mo nkyɛn no, ne nea yɛwɔ mo nkyɛn a yɛyɛ no mu.

12 Ɛyɛ nokware, yɛrentumi mfa yɛn ho ntoto wɔn a wɔfa wɔn ho wɔn asetena korɔn no ho. Saa nnipa no nkwaseafo! Wɔnam wɔn ho a wɔde toto wɔn ho wɔn ho so no bu wɔn ho atɛn. 13 Yɛn de, yɛn ahohoahoa no ntra so bi. Yɛn ahohoahoa no ntra dwuma a Onyankopɔn atu yɛn yenni a mo mu adwumayɛ ka ho bi no so. 14 Esiane mowɔ saa tebea no mu nti, yɛbaa mo nkyɛn bɛkaa Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no a yɛantra. 15 Eyi nti yɛmmfa adwuma a nkurɔfo ayɛ no nhoahoa yɛn ho te yɛn ara na yɛyɛe. Nea yɛrepɛ ne mo gyidi ase betim na anam so ama yɛatumi ayɛ mo mu adwuma a yɛntra baabi a Onyankopɔn ahyɛ no. 16 Na yɛnam so atumi aka Asɛmpa aman afoforo so a yɛremfa adwuma a ɔfoforo ayɛ no nhoahoa yɛn ho. 17 Kyerɛwsɛm no ka se, "Obiara a ɔpɛ ɔhoahoa ne ho no nhoahoa no ade a Awurade ayɛ mu." 18 Efisɛ ɛnyɛ ka a onipa bɛka ne ho asɛm pa no na ɛma Onyankopɔn gye no to mu, na mmom onipa a Onyankopɔn no ara bɛka ne ho asɛm pa no na ogye no to mu.

Veja também