Pular para o conteúdo
Publicidade

Amós 3

Wɔfrɛ Nnansefo Tia Israel

1 Muntie saa asɛm a Awurade aka atia mo yi, Israelfo, nea etia abusua a miyii wɔn fii Misraim no nyinaa:

2 "Mo nko ara na mayi mo

mmusua a ɛwɔ asase so nyinaa mu;

enti mɛtwe mo aso

mo bɔne nyinaa ho."

3 Nnipa baanu betumi abɔ mu anantew,

bere a wɔnyɛɛ nokoro ana?

4 Gyata bobɔ mu ɔdɔtɔ ase

bere a onhuu hanam biara ana?

Ɔbobɔ mu ne tu mu

bere a ɔnkyeree hanam biara ana?

5 Anomaa bɛtɔ afiri mu fam

baabi a wonsum afiri ana?

Afiri huan konkɔn

bere a enyii aboa ana?

6 wɔhyɛn torobɛnto kuropɔn mu a

nnipa no ho mpopo ana?

atoyerɛnkyɛm ba kuropɔn bi mu a

ɛnyɛ Awurade na ɔyɛe ana?

7 Ampa ara, Otumfo Awurade nyɛ biribi

a ɔnna ne nhyehyɛe adi

nkyerɛ nʼAsomafo adiyifo no.

8 Gyata no abobɔ mu,

hena na onnsuro?

Otumfo Awurade akasa,

hena na ɔrenhyɛ ho nkɔm?

9 Mompae mu nka nkyerɛ Asdod aban

ne Misraim aban:

"Mommoaboa mo ho ano Samaria mmepɔw so;

hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ no so

ne nhyɛso a ɛwɔ ne nkurɔfo mu."

10 "Wonnim sɛnea wɔyɛ nea eye,"

sɛnea Awurade se ni.

"Wɔde nneɛma a wɔafow ne nea wɔawia

sie wɔn aban mu."

11 Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se,

"Ɔtamfo bi betwiw afa mo asase no so;

Obebubu mo bammɔ agu,

na wɔafow mo aban."

12 Nea Awurade se ni:

"Sɛnea oguanhwɛfo gye

anan abien nnompe anaa aso sin

fi gyata anum no,

saa ara na wobegye Israelfo nkwa,

wɔn a wɔtete wɔn mpa ntwea so Samaria,

ne wɔn a wɔdeda nkongua pa mu Damasko no."

13 "Tie eyi, na di adanse tia Yakobfi,"

sɛnea Awurade, Asafo Awurade Nyankopɔn se ni.

14 "Da a mɛtwe Israel aso ne nnebɔne ho no,

mɛsɛe afɔremuka a ɛwɔ Bet-El;

wobetwitwa afɔremuka no mmɛn

na abu ahwe fam.

15 Medwiriw awɔwbere mu ofi

ne ahuhurubere mu ofi agu;

na afi a wɔde asonse adura ho no wɔbɛsɛe no

na afi akɛse no nso wobebubu agu,"

sɛnea Awurade se ni.

Veja também