Pular para o conteúdo
Publicidade

Amos 5:21-24

WAKNA Akuapem Twi Bíblia Contemporânea

21 "Mikyi na mepo mo nyamesom mu aponto;

mʼani nnye mo afahyɛ nhyiamu ho.

22 Ɛwɔ mu sɛ mode ɔhyew afɔre ne aduan afɔre brɛ me de,

nanso merennye.

Mode asomdwoe afɔre brɛ me

nanso mʼani rensɔ.

23 Momfa mo nnwonto gyegyeegye no mfi me so!

Merentie mo asankuten so nnwom.

24 Mmom, momma atɛntrenee nteɛ sɛ asubɔnten,

na trenee nyɛ sɛ asuten a ɛrenyow da!

Em outras traduções

  1. WASNA Bíblia Contemporânea Asante Twi

    21 "Mekyiri na mepo mo nyamesom mu apontoɔ;

    mʼani nnye mo afahyɛ nhyiamu ho.

    22 Ɛwom sɛ mode ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ brɛ me deɛ,

    nanso merennye.

    Mode asomdwoeɛ afɔdeɛ brɛ me

    nanso mʼani rensɔ.

    23 Momfa mo nnwontoɔ gyegyeegye no mfiri me so!

    Merentie mo asankuten so nnwom.

    24 Mmom, momma atɛntenenee ntene sɛ asubɔnten,

    na tenenee nyɛ sɛ asutene a ɛrenwe da!

Direitos das traduções citadas

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.