21 "Mekyiri na mepo mo nyamesom mu apontoɔ;
mʼani nnye mo afahyɛ nhyiamu ho.
22 Ɛwom sɛ mode ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ brɛ me deɛ,
nanso merennye.
Mode asomdwoeɛ afɔdeɛ brɛ me
nanso mʼani rensɔ.
23 Momfa mo nnwontoɔ gyegyeegye no mfiri me so!
Merentie mo asankuten so nnwom.
24 Mmom, momma atɛntenenee ntene sɛ asubɔnten,
na tenenee nyɛ sɛ asutene a ɛrenwe da!