Pular para o conteúdo
Publicidade

Apocalipse 12

Ɔbea No Ne Ɔwɔ No

1 Afei nsɛnkyerɛnne kɛse bi daa ne ho adi ɔsoro. Ɔbea bi, na nʼatade owia a ɔsram ne nan ase, na nsoromma dumien ahenkyɛw hyɛ no. 2 Na ɔyem a ɔrebɛwo, na awoyaw nti na ɔresu. 3 Nsɛnkyerɛnne kɛse foforo bi daa ne ho adi ɔsoro: Ɔwɔ kɔkɔɔ kakraka bi a ne ti ason na ɔwɔ mmɛn du a ahenkyɛw hyehyɛ biara so. 4 Ɔde ne dua twee nsoromma a ɛwɔ ɔsoro no mu nkyɛmu abiɛsa mu baako tow wɔn guu fam. Ogyinaa ɔbea a ɔrewo no anim, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔwo ɔba no to ara , ɔbɛfa abofra no awe. 5 Afei ɔbea no woo abarimaa a ɔde nsa a ɛyɛ den bedi aman nyinaa so. Nanso wohwim abofra no kɔɔ Onyankopɔn ne nʼahengua ho. 6 Ɔbea no guan kɔɔ sare so baabi a Onyankopɔn asiesie ama no a wɔbɛhwɛ no yiye nnafua mpem ahannu aduosia mu.

7 Afei ɔko sii ɔsoro . Mikael ne nʼabɔfo ko tiaa ɔwɔ no, na ɔno nso ne nʼabɔfo ko tiae. 8 Nanso wodii ɔwɔ no so nkonim na wɔamma ɔne nʼabɔfo antena ɔsoro bio. 9 Wɔtow ɔwɔ kakraka no kyenee. Ɔno ne ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam a ɔdaadaa wiase nyinaa no. Wɔtow ɔno ne nʼabɔfo nyinaa guu asase so.

10 Afei metee nne dennen bi ɔsoro a ɛka se,

"Afei na Onyankopɔn nkwagye aba!

Afei na Onyankopɔn akyerɛ ne tumi ɔyɛ Ɔhene!

Afei na nʼAgyenkwa no akyerɛ ne tumi,

efisɛ yɛn nuanom no ahohorabɔni a

ogyinaa Onyankopɔn anim bɔɔ wɔn ahohora awia ne anadwo no,

wɔapam no afi ɔsoro.

11 Yɛn nuanom no nam Oguamma no mogya so

ne nokware a ɔdaa no adi no so

dii ne so nkonim.

Na wɔasiesie wɔn ho wɔde wɔn nkwa bɛto

na wɔawuwu.

12 Enti mo ɔsoro ne mo a motete no,

momma mo ani nnye.

Afei asase ne po nnue!

Efisɛ ɔbonsam no atoa mo

na ne bo afuw

efisɛ onim , ne bere a aka sua."

13 Bere a ɔwɔ no huu wɔatow no akyene asase so no, ɔtaa ɔbea a wawo abarimaa no. 14 Wɔmaa ɔbea no ɔkɔre ntaban akɛse abien, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi atu akɔ faako a wɔasiesie ama no sare so a wɔbɛhwɛ no mfe abiɛsa ne fa sɛnea ɔwɔ no renni nʼakyi bio. 15 Afei ɔwɔ no puw nsu te asubɔnten dii ɔbea no akyi sɛnea ɛbɛyɛ a, ɛbɛfa no. 16 Nanso asase boaa ɔbea no. Ebuee nʼanom nom nsu a ɔwɔ no puw guu no nyinaa. 17 Ɔwɔ no bo fuw ɔbea no, enti ɔkɔ de ntɔkwaw kɔkaa ɔbea no asefo a wɔaka a ɛyɛ wɔn a wodi Onyankopɔn mmara so na wogye nokware a Yesu ada no adi no di no. 18 Na ɔwɔ no kogyinaa mpoano .

Veja também