1Monhwɛ ɔdɔ a Agya no dɔ yɛn. Ne dɔ a ɔdɔ yɛn no mu den nti wɔfrɛ yɛn Onyankopɔn mma. Na ɛyɛ nokware nso. Ne saa nti wiase nnim yɛn efisɛ ennim Onyankopɔn.
11Nsɛm a motee mfiase no kyerɛ sɛ, monnodɔ mo ho.
18Me mma, ɛnsɛ sɛ yɛn dɔ no yɛ kasa hunu. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ ɔdɔ turodoo a ɛnam nneyɛe so da ne ho adi.