Pular para o conteúdo
Publicidade

Cânticos 2

Ababaa:

1 Meyɛ Saron nhwiren2.1 Yehu Saron nhwiren wɔ Karmel mpoano anafo fam.

ne abon mu sukooko.

Aberante:

2 Sɛnea sukooko a ɛwɔ nsɔe mu te no,

saa ara na me dɔfo te mmabaa mu.

Ababaa:

3 Sɛnea aprɛ te kwae mu nnua mu no,

saa ara na me dɔfo te mmerante mu.

metena ne nwini mu a minya ahomeka

na nʼaba nso mʼanom .

4 Ɔde me akɔ aponto ase,

na mʼagyiraehyɛde ɔdɔ.

5 Momma me bobe aba na minya ahoɔden,

momma me aprɛ na ennwudwo me,

efisɛ ɔdɔ ama matɔ beraw.

6 Ne nsa benkum da mʼatiko,

na ne nsa nifa aka me afam ne bo.

7 Yerusalem mmabea, mede atwewa

ne wuram ɔforote hyɛ mo :

Monnkanyan na munnyan ɔdɔ

kosi bere a ɛsɛ mu.

8 Tie! me dɔfo!

Hwɛ! ɔno na ɔreba no,

ɔrehuruhuruw mmepɔw no so

na ɔbɔ pentenkwa nkoko no so.

9 Me dɔfo te ɔtwe anaa ɔforote.

Hwɛ! ogyina yɛn fasu akyi,

ɔhwɛ mfɛnsere no mu,

wagyen nʼani rehwɛ mfɛnsere no mu.

10 Me dɔfo kasa kyerɛɛ me se,

"Sɔre, me dɔfo ne mʼahoɔfɛ

na bra me nkyɛn.

11 Hwɛ! awɔwbere atwa mu;

na asusow atwa mu .

12 Nhwiren afifi asase ani:

nnwonto bere aso.

Wɔte mmorɔnoma su

yɛn asase so.

13 Borɔdɔma agu nhwiren;

na bobe hua agye baabiara.

Sɔre bra, me dɔfo;

mʼahoɔfɛ, bra me nkyɛn."

Aberante:

14 Mʼaborɔnoma a wohyɛ abotan ntokuru mu,

ahintaw mmepɔw so,

ma minhu wʼanim;

ma mente wo nne;

wo nne ,

na wʼanim .

15 Monkyekyere sakraman no mma yɛn,

sakraman nketewa no

a wɔsɛe bobe nturo,

yɛn bobe nturo a ayɛ frɔmfrɔm no.

Ababaa:

16 Me dɔfo me dea, na mewɔ no;

ɔhwehwɛ sukooko no mu.

17 Enkosi ade bɛkyɛ

na sunsuma bɛsen akɔ no,

dan wo ho, me dɔfo,

na ɔtwewa

anaa ɔforote a

ɔwɔ nkoko mmonkyi mmonka no so.

Veja também