Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom Mu Dwom 3

1 Anadwo mu nyinaa, me mpa so

mehwehwɛɛ nea me koma da no so;

mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.

2 Mɛsɔre afei na makokyinkyin kuropɔn no mu,

ne mmɔnten so ne gua so;

na mahwehwɛ nea me koma da no so.

Enti mehwehwɛɛ no nanso manhu no.

3 Awɛmfo no huu me

bere a wɔrebɔ aprɔw kuropɔn no mu.

"Moahu nea me koma da no so no ana?"

4 Mereyɛ atwa wɔn ho

na mihuu nea me koma da no so no.

Misoo ne nsa meremma no nkɔ

kosii mede no baa me na fi,

de no kɔɔ nea onyinsɛnee me no dan mu.

5 Yerusalem mmabea, mede atwewa

ne wuram ɔforote hyɛ mo

Monnkanyan na munnyan ɔdɔ

kosi bere a ɛsɛ mu.

6 Hena na ofi sare so reba

te wusiw kumɔnn a

efi kurobow, aduhuam

ne aguadifo pɛprɛ ahorow mu, atutu ne ho yi?

7 Monhwɛ, ɛyɛ Salomo teaseɛnam a

akofo aduosia no kyidɔm;

ade a ɛwɔ anuonyam pa ara Israel,

8 Wɔn nyinaa bobɔ afoa,

wɔn nyinaa akodi ho nyansa.

Wɔn afoa bobɔ wɔn nkyɛn mu,

na obiara asiesie ne ho ama nea ebesi anadwo a ɛyɛ hu biara.

9 Ɔhene Salomo yɛɛ teaseɛnam no maa ne ho;

ɔde Lebanon nnua na ɛyɛe.

10 Ɔde dwetɛ na ɛyɛɛ nʼadum,

ɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ne nnyinaso.

Wɔde biridum ntama na eduraa mu nkongua ho;

mu asiesie ahomeka

na Yerusalem mmabea na wɔyɛe. 11 Mumfi adi, mo Sion mmabea,

mommɛhwɛ ɔhene Salomo ɔhyɛ ahenkyɛw

nea ne na de hyɛɛ no nʼayeforohyia da no,

da a odii ahurusi ne koma mu no.

Veja também