Pular para o conteúdo
Publicidade

Cânticos 4

Aberante:

1 Wo ho , me dɔfo!

Ao, wo ho !

Wʼaniwa a ɛhyehyɛ wo nkataanim mu no te aborɔnoma.

Wo nwi te mpapokuw a

wɔresian Gilead Bepɔw.

2 Wo se te nguankuw a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforo,

a wofi aguaree.

Baako mpo nyeraa ɛ.

3 Wʼanofafa te koogyan hama;

wʼano .

Wʼasontɔre a ɛhyɛ wo nkataanim mu

te ntunkum aduaba fa.

4 Wo kɔn te Dawid abantenten,

a wɔasi no fɛɛfɛ;

na akokyɛm apem sensɛn ho,

a ne nyinaa akofo kyɛm.

5 Wo nufu te atwemma abien,

atwemma nta a

wodidi sukooko mu.

6 Enkosi ade bɛkye,

ama honhom aguan no,

mɛkɔ kurobow bepɔw

ne aduhuam nkoko no so.

7 Me dɔfo, wo ho papa;

wo ho nni dɛm biara.

8 Ma yemfi Lebanon, mʼayeforo,

wo ne me mfi Lebanon nkɔ.

Sian fi Amana atifi bra,

fi Senir atifi, Hermon apampam ,

fi gyata buw mu

ne mmepɔw a asebɔ dɛɛdɛɛ .

9 Woagye me koma abɔ so, me nuabea, mʼayeforo;

woagye me koma abɔ so;

wode wʼani a ɛbɔɔ me so,

ne wo kɔnmuade mu ɔbohemaa baako.

10 Wo anigye, me nuabea, mʼayeforo!

Hwɛ, wo ani sen bobesa,

na wʼaduhuam huam sen pɛprɛ biara.

11 Asɛm dɛdɛ fi wʼano ɛwokyɛm, mʼayeforo;

nufusu ne ɛwo wo tɛkrɛma ase.

Wo ntade mu hua te Lebanon de.

12 Wote turo a wɔato ano pon mu, me nuabea, mʼayeforo;

woyɛ asuti a wɔagye ho ban, asubura a wɔasɔw ano.

13 Wo nnua nnuabafuw so ntunkum

a ɛsow aba pa,

ahuahaa ne nnuannua,

14 nnuannua ne mmetire,

osiko ne sinamon,

a ohuamfufu nnua ahorow,

kurobow ne dupapo

ne pɛprɛ papa ahorow nyinaa ka ho.

15 Woyɛ asubura turo,

abura a nsu sen fi mu

a ɛsen fi Lebanon.

Ababaa:

16 Sɔre, atifi fam mframa!

Bra, anafo fam mframa!4.16 Mframa a ɛbɔ fi atifi fam no mu dwo enti ɛma nnuaba yɛ foforo daa. Mframa a ɛbɔ fi anafo fam no mu yɛ hyew na ɛma nnuaba no bere. Ne abien ka bɔ mu a, ɛma mframa a ɛyɛ huam fa turo no mu.

fa me turo mu,

sɛnea ɛbɛyɛ a ne hua no begyigye afa baabiara.

Ma me dɔfo mmra ne turo mu

na ɔmmɛka ne nnuaba papa no nhwɛ.

Veja também