Pular para o conteúdo
Publicidade

Cânticos 8

1 anka woyɛɛ me nuabarima

a wunum me na nufu ano,

na mihuu wo abɔnten so a,

anka mefew wʼano,

a obiara rentumi mmu me animtiaa.

2 Anka medi wʼanim

na mede wo aba me na fi,

ɔno a wakyerɛkyerɛ me.

Anka mɛma wo bobesa a wɔde pɛprɛ afra mu,

me ntunkum mu nsu dɔkɔdɔkɔ no bi.

3 Ne nsa benkum da mʼatiko

na ne nsa nifa aka me afam ne bo.

4 Yerusalem mmabea, mehyɛ mo ,

morennyan na morenhwanyan ɔdɔ mu

kosi bere a ɛsɛ mu.

Nnamfonom:

5 Hena na ofi sare so reba a

otweri ne dɔfo koko mu yi?

Ababaa:

Mekanyan wo aprɛ dua no ase;

ɛhɔ na wo na nyinsɛnee wo,

ɛhɔ na nea ɔkoo awo no woo wo.

6 Fa me to wo koma so nsɔwanode,

nsɔwanode wʼabasa so,

efisɛ ɔdɔ ano den owu,

ne ninkutwe tim ɔda.

Ɛhyehye ogyatannaa,

ogyatannaa a ano den pa ara.

7 Nsu dodow rentumi nnum ɔdɔ;

nsubɔnten rentumi nhohoro nkɔ.

obi de ne fi ahonya nyinaa bɛsesa ɔdɔ a

anka wɔremmu no ade a ɛsom bo.

Nnamfonom:

8 Yɛwɔ nuabea akumaa bi a,

ne nufu mmobɔɔ ɛ.

Dɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabea yi

da a wobebisa no ase?

9 ɔyɛ ɔfasu a,

yebesi dwetɛ abantenten abɔ ne ho ban.

ɔyɛ ɔpon a,

yɛde sida besiw ne pon ano kwan.

Ababaa:

10 Meyɛ ɔfasu,

na me nufu te abantenten.

Enti nʼani so no mayɛ obi a

ɔde nea ɛsɔ ani reba.

11 Na Salomo bobeturo Baal-Hamon;

ɔde ne bobeturo no maa apaafo.

Na ɛsɛ wɔn mu biara tua no

nnwetɛbona apem.

12 Nanso me bobeturo yi me de.

Me de, meremfa mma;

Salomo de ne de gye nnwetɛbona apem,

na otua nʼapaafo nnwetɛbona ahannu ma wɔhwɛ ne nnuaba no so.

Aberante:

13 Wo a wote turo no mu

ne nnamfonom a wɔka wo ho,

ma mente wo nne.

Ababaa:

14 Bra ma yɛnkɔ, me dɔfo,

na wo ho ɔdabɔ ba

anaasɛ ɔforote ba a

ɔwɔ mmepɔw a nnuhuam ahyɛ so ma so.

Veja também