Pular para o conteúdo
Publicidade

Efésios 2

19 Enti mprempren, monnyɛ ahɔho ne amamfrafo bio, na mmom mo ne Onyankopɔn nkurɔfo no nnipa koro na mofra Onyankopɔn abusua no mu, 20 na wɔato mo asi asomafo no ne adiyifo no fapem a Kristo Yesu no ankasa ne tweatibo no so. 21 Ɔno na ɔma ɔdan mu no nyinaa baako na ɛbɛyɛ asɔredan kronkron Awurade mu. 22 Ne mu na wɔresiesie mo na moabɔ mu abɛyɛ ofi a Onyankopɔn nam ne Honhom so tena mu.

Veja também