Pular para o conteúdo
Publicidade

Efesofo 6

13 Eyi nti, monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na da bɔne no ba a moatumi agyina, na muwie biribiara a moagyina pintinn. 14 Enti munnyina pintinn na momfa nokware mmɔ mo asen, na monhyɛ trenee nkatabo, 15 na momfa Asɛmpa no asomdwoe no nhyehyɛ mo anan. 16 Eyinom nyinaa akyi no, momfa gyidi kyɛm, nea mode bedum ɔbɔnefo bɛma a ɛredɛw no. 17 Momfa nkwagye dade kyɛw ne Honhom no afoa a ɛyɛ Onyankopɔn asɛm no.

18 Mommɔ mpae mmere nyinaa mu Honhom mu, mpaebɔ ahorow ne nkotosrɛ mu. Eyi nti monna mo ho so, na mommɔ mpae mma ahotefo.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também