10 Yɛn agyanom a wɔwɔ asase so ha twee yɛn aso sɛnea wɔpɛ wɔ bere tiaa bi. Nanso yɛn yiyedi nti, Onyankopɔn yɛɛ saa sɛnea yɛn ho bɛtew. 11 Sɛ wɔtwe yɛn aso a ɛma yɛn werɛ how wɔ saa bere no mu na yɛn ani nnye. Na akyiri no a wɔn a wɔfa saa asotwe no mu no nya wɔn ho ntease no, wonya asomdwoe na wɔtena ase trenee mu.