Pular para o conteúdo
Publicidade

Hebreus 2

Kristo Kaa Owu Hwɛ Maa Yɛn Nyinaa

1 Eyi nti na ɛsɛ yeso nokware a yɛate no mu dennen, sɛnea ɛbɛyɛ a biribi rentu yɛn aso. 2 Nsɛm a abɔfo no kae no nokware, enti obiara a wanni so no nyaa asotwe a ɛfata no. 3 Na yɛantie saa nkwagye yi a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aguan? Awurade no ankasa na odii kan kaa saa nkwagye yi ho asɛm na wɔn a wotiee no no ama yɛahu ɛyɛ nokware. 4 Saa bere koro no ara mu na Onyankopɔn nam ne nsɛnkyerɛnne ne nʼanwonwadwuma so dii ho adanse. Bio, ɔkyɛɛ Honhom Kronkron no sɛnea ɔpɛ.

5 Onyankopɔn amma abɔfo anni wiase a na wayɛ nʼadwene ɔrebɛbɔ no so; saa wiase a yɛka ho asɛm no. 6 Na mmom wɔaka Kyerɛwsɛm no mu baabi se,

"Onipa ne hena a wokae no;

na onipa ba nso ne hena a wʼani ku ne ho?

7 Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sen abɔfo;

na wode wʼanuonyam ne nidi abɔ no abotiri,

8 onni nneɛma nyinaa so."

Ɛka se Onyankopɔn bɔɔ onipa , "Nneɛma nyinaa sodifo," eyi da no adi biribiara ka ho. Nanso yenhu mprempren onipa di nneɛma nyinaa so. 9 Nanso yehu Yesu! Mmere tiaa bi, wɔbɔɔ no hyɛɛ abɔfo ase sɛnea ɛbɛyɛ a esiane Onyankopɔn ahummɔbɔ nti ɛsɛ owu ma nnipa nyinaa no. Yehu no esiane owu a owui no nti, wɔahyɛ no anuonyam.

10 Eye Onyankopɔn a ɔbɔɔ nneɛma nyinaa na ɔhwɛ so no bɛma Yesu afa nʼamanehunu no mu ayɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma ne mma nyinaa akɔ saa anuonyam no mu bi. Efisɛ Yesu no nko ara ne Onipa a obedi wɔn anim akɔ nkwagye no mu. 11 Ɔma nnipa kronkron fi wɔn bɔne mu. Na ɔne wɔn a wayɛ wɔn kronkron no nyinaa Agya baako. Ɛno nti na Yesu mfɛre ɔfrɛ wɔn anuanom no. 12 Ɔka se,

"Mɛka wo ho asɛm akyerɛ me nuanom,

mɛkamfo wo wɔn a wɔahyia no nyinaa anim."

13 Ɔsan ka bio se,

"Mede me ho bɛto Onyankopɔn so."

Na ɔno nso ka se,

"Mma a Onyankopɔn de wɔn ama me no ni."

14 Esiane mma no ɔhonam ne mogya nti, Yesu nso baa onipa tebea mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnam ne wu no so bɛsɛe ɔbonsam a okura owu tumi no ahoɔden. 15 Na ɔnam so agye wɔn a esiane wosuro owu nti, wɔayɛ akoa wɔn asetena nyinaa mu no. 16 Ɛyɛ nokware turodoo ɛnyɛ abɔfo na ɔboa wɔn. Na mmom sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no, "Ɔboa Abraham asefo."2.16 Kristo begyee Abraham asefo a wɔwɔ gyidi sɛ Abraham no. (1 Mose 12.2-3) 17 Eyi kyerɛ ɔkwan biara so no, ɛsɛ ɔyɛ ne nuanom, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ wɔn Sɔfopanyin nokwafo ne mmɔborɔhunufo Onyankopɔn som mu, na anam so ma wɔde nnipa bɔne akyɛ wɔn. 18 Enti afei, obetumi aboa wɔn a wɔasɔ wɔn ahwɛ no, efisɛ wɔsɔɔ ɔno ankasa hwɛe, ma ohuu amane.

Veja também