Pular para o conteúdo
Publicidade

Hebreus 3

Yesu So Sen Mose

1 Me nuanom akronkronfo a Onyankopɔn afrɛ mo, munnwen Yesu a yegye no to mu Ɔsomafo no ho. 2 Na odii Onyankopɔn a oyii no ɔnyɛ saa adwuma yi no nokware sɛnea Mose nso dii nokware Onyankopɔn fi no. 3 Wɔahu Yesu fata anuonyam sen Mose, sɛnea onipa a osi ofi nya anuonyam sen ofi no ankasa no. 4 Ofi biara obi na osii. Na Onyankopɔn nso na wabɔ nneɛma nyinaa. 5 Mose dii Onyankopɔn nokware ɔsomfo ne fi na ɔkaa nsɛm a Onyankopɔn bɛka daakye no nyinaa. 6 Nanso Kristo de, odi nokware Ɔba a ɔhwɛ Onyankopɔn fi so. yɛma yɛn bo duru na yɛwɔ gyidi yɛn anidaso mu a, na yɛyɛ ne fi no.3.6 Ofi no yɛ Onyankopɔn nnipa fifo. (Efe 2.19; 1 Pe 2.5)

7 Enti Honhom Kronkron no ka se,

"nnɛ mote Onyankopɔn nne a,

8 monnyɛ asoɔden

te nea moyɛɛ bere a mosɔre tiaa Onyankopɔn no;

sɛnea moyɛɛ da a na mowɔ sare so a mosɔɔ no hwɛe no.

9 Ɛhɔ na mo nenanom sɔɔ no hwɛe,

nanso wohuu nea meyɛɛ no mfe aduanan mu no.

10 Ne saa nti me bo fuw saa nnipa no, na mekae se,

Wɔyɛ nnipa a wɔn koma aman afi me ho,

na wɔanhu mʼakwan.

11 Ɛno nti mekaa ntam mʼabufuw mu se,

Wɔrenhyɛn mʼahomegye mu da.’ "

12 Me nuanom, monhwɛ yiye na mo mu bi annya koma bɔne a ɔrennye Onyankopɔn nni a ɛbɛma watwe ne ho afi Onyankopɔn teasefo no ho. 13 Na mmom sɛnea ɛbɛyɛ a bɔne rennaadaa mo mu ebinom na wɔnyɛ asoɔden nti, da biara mommoaboa mo ho mo ho mmere dodow a asɛm "Nnɛ" a ɛwɔ Kyerɛwsɛm mu no fa yɛn ho no. 14 Na yeso gyidi a yɛwɔ no mu dennen sɛnea yɛde fi mfiase no a na yɛwɔ kyɛfa Kristo mu. 15 Kyerɛwsɛm no ka se,

"nnɛ mote Onyankopɔn nne a,

monnyɛ asoɔden

te nea moyɛɛ bere a mosɔre tiaa Onyankopɔn no."

16 Ɛhefo na wɔtee Onyankopɔn nne na wɔsɔre tiaa no no? Nnipa a Mose dii wɔn anim fi Misraim no nyinaa. 17 Ɛhefo na Onyankopɔn bo fuw wɔn mfirihyia aduanan no? Nnipa a wɔyɛɛ bɔne na wɔtetew hwe wuwuu sare so no. 18 Bere a Onyankopɔn kaa ntam se, "Wɔremma me home mu da" no, na ɔreka akyerɛ ɛhefo? Na ɔreka akyerɛ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no. 19 Afei, yehu wɔantumi ankɔ ɔhome no mu, efisɛ wɔannye anni.

Veja também