11 Nanso Kristo aba dedaw sɛ Ɔsɔfopanyin ama nneɛma pa a yɛwɔ dedaw yi. Ntamadan a ɔsom wɔ mu no so, na edi mu kyɛn dedaw no. Ɛnyɛ nnipa na wɔyɛe. Afei nso emfi adebɔ yi mu.
15 Eyi nti na Kristo yɛ apam foforo no ntamgyinafo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn no benya nhyira a enni awiei sɛnea Onyankopɔn ahyɛ bɔ no. Eyi aba saa, efisɛ owu bi asi a egye nnipa fi wɔn bɔne a wɔyɛɛ bere a na wɔwɔ apam a edi kan no mu no mu.