17 Ɛwɔ mu, borɔdɔma nnua no nguu nhwiren,
na aba nso nni bobe no so;
ɛwɔ mu, ngodua no adi huammɔ
na mfuw no mmɔ aduan.
Ɛwɔ mu, nguan biara nni buw no mu,
na anantwi nso nni ban no mu.
18 Nanso mʼani begye Awurade mu;
me ho bɛsɛpɛw me wɔ Onyankopɔn a
ɔyɛ mʼagyenkwa no mu.
19 Otumfo Awurade yɛ mʼahoɔden.
Ɔma me nan yɛ sɛ ɔforote de,
ɔma me nantew sorɔnsorɔmmea.
Wɔmfa mpae yi mma nnwonto kwankyerɛfo no. Na wɔnto no wɔ mʼasanku no so.