13 Na biribiara a mubebisa wɔ me din mu no, mɛyɛ ama mo, sɛnea ɛbɛyɛ a Agya no anuonyam nam ne Ba no so bɛda adi. 14 Biribiara a mode me din bebisa no, mɛyɛ ama mo."
Honhom Kronkron Ho Bɔhyɛ
15 "Sɛ modɔ me a munni mʼahyɛde so. 16 Mebisa Agya no na wama mo ɔboafo foforo a ɔne Honhom Kronkron no a ɔda Onyankopɔn nokware nyinaa adi no na ɔne mo atena daa.