Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 1

13 Nanso ɔsoro ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no se, "Sakaria, nsuro, Awurade Nyankopɔn ate wo mpaebɔ. Wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima na ɛsɛ woto ne din Yohane. 14 Nʼawo bɛma wʼani agye na wo ho asɛpɛw wo. Saa ara na ɛbɛma nnipa bebree nso ani agye. 15 Ɔbɛyɛ ɔkɛse Awurade anim. Ɔrennom nsa biara da, na Honhom Kronkron bɛyɛ no ma afi ne na yam.

Veja também