Pular para o conteúdo
Publicidade

Luka 1

59 Eduu nnaawɔtwe no, abusuafo ne adɔfo behyiaa wɔrebetwa abofra no twetia na wɔato ne din. Wɔpɛɛ wɔde abofra no to nʼagya Sakaria. 60 Nanso ne na kae se, "Dabi! Ɛsɛ wɔfrɛ no Yohane."

61 Wɔka kyerɛɛ no se, "Obiara nni abusua yi mu a wɔfrɛ no saa."

62 Eyi ma wɔde wɔn nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnne bisaa nʼagya, din a wɔmfa nto abofra no. 63 Sakaria ma wɔde krataa brɛɛ no na ɔkyerɛw so se, "Ne din de Yohane." Eyi yɛɛ wɔn nyinaa nwonwa.

Veja também