Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 13

Sakra Wʼadwene; Anyɛ Saa A Wubewu

1 Saa bere no na nnipa bi bɛka kyerɛɛ Yesu se Pilato akum Galileafo bi a wɔrebɔ afɔre ama Onyankopɔn na ɔde wɔn mogya afra afɔrebɔ no. 2 Yesu buaa wɔn se, "Mugye di saa Galileafo no nnebɔneyɛfo sen wɔn a aka no nyinaa nti na wokum wɔn no? 3 Dabi da, mo nso moansakra mo adwene a, wobekunkum mo saa ara. 4 Anaasɛ mususuw nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu guu wɔn so, kunkum wɔn no nnebɔneyɛfo sen nnipa a na wɔte Yerusalem no? 5 Dabi da, mo nso moansakra a, mubewuwu saa ara."

6 Afei Yesu buu wɔn yi se, "Ɔbarima bi duaa borɔdɔma ne turo mu. Da bi ɔkɔɔ turo no mu ɔrekɔtew so aba no bi nanso wannya bi. 7 Ɛno akyi, ɔfrɛɛ turo no sohwɛfo no ka kyerɛɛ no se, Mfe abiɛsa ni, bere biara a mɛba merebɛtew borɔdɔma no bi no, minnya bi. Adɛn nti na ɛresɛe kwa yi? Twa kyene.

8 "Turo no sohwɛfo no srɛɛ no se, Me wura, ma ensi afe yi nso na mingugu ase sumina nhwɛ 9 ebia, ɛbɛsow aba bi ana, na antumi ansow a ɛno de metwa akyene.’ "

Yesu Sa Yare Homeda

10 Homeda bi a Yesu rekyerɛkyerɛ hyiadan mu no, 11 na ɔbea bi a honhommɔne mu ɔyare bi akyere no mfe dunwɔtwe ama ne mu akoa a ontumi nteɛ ne mu koraa. 12 Yesu huu no no, ɔfrɛɛ no fii nnipa no mu ka kyerɛɛ no se, "Ɔbea, wo ho nyɛ wo den." 13 Ɔde ne nsa guu ne so, na amono mu ara otumi teɛɛ ne mu. Na ɔbea no yii Onyankopɔn ayɛ.

14 Hyiadan no so panyin a ohuu ɔbea no ayaresa no de abufuw kae se, "Nnansia na ɛsɛ mode adwuma a saa nna no mu na ɛsɛ moba ma wɔsa mo yare, na ɛnyɛ homeda."

15 Na Awurade buaa no se, "Nyaatwomfo! Mo mu hena na ɔnsan ne nantwi anaa nʼafurum na ɔnka no nkɔnom nsu homeda? 16 Adɛn nti na Abraham aseni yi a ɔbonsam afa no nnommum mfe dunwɔtwe ni no ɛnsɛ mesa no yare homeda?"

17 Ɔkaa saa no, wɔn a na wɔne nʼadwene nhyia no nyinaa ani wui. Nnipa no nso a na wɔwɔ hyiadan no mu nyinaa ani gyee nʼanwonwade ahorow a ɔyɛe no nyinaa ho.

Onyaa Aba Ne Mmɔkaw Ho

18 Afei Yesu fii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn ahenni no ho asɛm, na obisaa wɔn se, "Onyankopɔn ahenni no te dɛn? Na dɛn na memfa nto ho nkyerɛkyerɛ ase? 19 Onyankopɔn ahenni no te onyaa aba ketewa bi a obi duaa nʼafuw mu na enyin yɛɛ dutan kɛse maa nnomaa kɔnwen wɔn mmerebuw so."

20 Obisaa bio se, "Dɛn bio na memfa ntoto ho nkyerɛ ase? 21 Ɛte mmɔkaw bi a brodotofo de fɔtɔw mmɔre ma etu."

Ɔpon Teateaa No

22 Bere a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔkyerɛkyerɛɛ nkurow so ne nkuraa ase ansa na ɔredu . 23 Ne nkyerɛkyerɛ no mu no, obi bisaa no se, "Awurade, nnipa kakraa bi na wobegye wɔn nkwa ana?"

Obuaa no se, 24 "Mompere nhyɛn ɔpon teateaa no mu, efisɛ nnipa pii bɛhwehwɛ wobewura mu, nanso wɔrentumi. 25 ɛba ofiwura no ato ɔpon no mu a, mobɛba abegyina akyi abɔ mu, aka se, Owura, yɛsrɛ wo bue yɛn.

"Na ɔno nso abisa mo se, Mufi he? Minnim mo?

26 "Na mo nso moaka akyerɛ no se, Yɛne wo too nsa didii na wokyerɛkyerɛɛ yɛn mmorɔn so.

27 "Na ofiwura no nso bebisa mo bio se, Mufi he? Minnim mo. Mumfi mʼani so nkɔ, mo nnebɔneyɛfo!

28 "Na muhu Abraham, Isak, Yakob ne nkɔmhyɛfo no nyinaa wɔwɔ Onyankopɔn ahenni no mu a, mode mo nsa begu mo ti atwa agyaadwo, efisɛ wɔbɛtow mo agu sum kabii mu. 29 Nnipa fi apuei ne atɔe nyinaa behyia Onyankopɔn ahenni no mu ato nsa adidi. 30 Na monkae akyikafo bi a, wobedi kan, na adikanfo bi nso a, wɔbɛka akyi."

Yesu Twa Yerusalem Ho Agyaadwo

31 Saa bere no ara mu na Farisifo bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, "Fi ha , efisɛ Herode rehwehwɛ wo akum wo."

32 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Monkɔka nkyerɛ sakraman no se, mitu ahonhommɔne, na masa nyarewa nnɛ ne ɔkyena na ne nnansa so no, medu Yerusalem. 33 Nanso ɛsɛ menantew nnɛ ne ɔkyena ne nʼadekyee, na otwa ara na etwa odiyifo bewu Yerusalem!

34 "Yerusalem, Yerusalem, wo a wukum adiyifo na wusiw wɔn a wɔsoma wɔn wo nkyɛn no abo! Mpɛn ahe ni a mepɛɛ meboaboa wo mma ano akokɔbeatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase nanso moampene so. 35 Na mo afi bɛdan afituw na morenhu me kosi mobɛka se, Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no!’ "

Veja também