Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 16

Ɔdefo Bi Ne Lasaro

19 Yesu toaa so kae se, "Ɔdefo bi tenaa ase a na daa ofura ntama pa na ogye nʼani yiye nso. 20 Na ɔbarima hiani bi a akuru atutu no a wɔfrɛ no Lasaro no nso da nʼabobow ano. 21 Ɔbarima yi kɔn dɔɔ anka obenya aduan a ɔdefo no adi ama aka no bi adi. Saa bere koro no ara mu na akraman ba faako a na ohiani no da no bɛtaforo nʼakuru no mu.

22 "Ohiani no wu maa abɔfo bɛfaa no kɔtenaa Abraham nkyɛn. Ɔdefo no nso wu ma wosiee no. 23 Ɔdefo no asaman a ne ho yeraw no no, ɔmaa nʼani so huu Lasaro ɔte Abraham nkyɛn. 24 Ɔdefo no teɛɛ mu se, Agya Abraham, mesrɛ wo hu me mmɔbɔ na soma Lasaro na ɔmfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsu mu mfa mmɛsɔ me tɛkrɛma so na me ho yeraw me.

25 "Abraham buaa no se, Me ba, kae wote wiase no wudii na Lasaro dii yaw, nanso afei na ɔredi na wo nso woredi yaw. 26 Ɛnyɛ eyi nko, obon kɛse da yɛn ne mo ntam a ɛno nti, wɔn a wɔpɛ wofi ha ba mo nkyɛn ne wɔn a wɔpɛ wofi mo nkyɛn ba ha no nso rentumi mma.

27 "Ɔdefo no san ka kyerɛɛ Abraham se, Agya, mesrɛ wo, soma Lasaro mʼagya fi, 28 efisɛ mewɔ nuabarimanom baanum. Ma ɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mu biara remma saa ahoyeraw yi mu bi.

29 "Abraham buaa no se, Wɔwɔ nsɛm a Onyankopɔn nam Mose ne adiyifo no so aka enti ma wontie na wonni so.

30 "Ɔdefo yi kaa bio se, Agya Abraham, nea woreka yi mu de, nanso obi fi asaman ha kɔbɔ wɔn kɔkɔ de a, wɔbɛsakra wɔn adwene.

31 "Abraham buae se, wɔantie nea Onyankopɔn nam Mose ne adiyifo no so aka no a, saa ara nso na obi fi asaman ha kɔkasa kyerɛ wɔn a, wɔrentie no no.’ "

Veja também