Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 17

14 Yesu huu wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Momfa mo ho nkɔkyerɛ ɔsɔfo!" Bere a akwatafo no rekɔ no, wɔn ho yɛɛ wɔn den.

15 Wɔn mu baako huu ne ho ayɛ no den no, ɔsan nʼakyi de ahurusi yii Onyankopɔn ayɛ se, "Anuonyam nka Onyankopɔn, wama me ho ayɛ me den!" 16 Ɔbɛkotow Yesu anim daa no ase. Na saa ɔbarima yi Samariani.

17 Yesu bisae se, "Ɛnyɛ nnipa du na wɔn ho yɛɛ wɔn den? Baakron a wɔaka no he? 18 Adɛn nti na ɔmamfrani yi nko na wasan aba ɔrebeyi Onyankopɔn ayɛ?" 19 Yesu ka kyerɛɛ no se, "Sɔre , wo gyidi ama wo ho ayɛ wo den."

Veja também