Onifuraefo Bi Ayaresa
35 Yesu ne nʼasuafo no rebɛn Yeriko no, wohuu onifuraefo bi a ɔte kwankyɛn resrɛsrɛ ade. 36 Onifuraefo no tee sɛ nkurɔfokuw bi retwa mu no, obisaa asɛm a asi. 37 Wɔka kyerɛɛ no se, "Yesu Nasareni no na ɔretwam!"
38 Ɔtee saa no, ɔteɛteɛɛ mu se, "Yesu, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!"
39 Wɔn a wodi anim no teɛteɛɛ no se ommua nʼano, nanso wantie, na ɔkɔɔ so teɛteɛɛ mu denneennen se, "Yesu, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!"
40 Yesu duu faako a onifuraefo no te no, ɔma wɔde no brɛɛ no. Wɔde no duu Yesu nkyɛn no, obisaa no se, 41 "Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?"
Onifuraefo no buae se, "Awurade, ma minhu ade."
42 Yesu ka kyerɛɛ no se, "Hu ade, wo gyidi ama wo ho ayɛ wo den." 43 Amono mu hɔ ara, onifuraefo yi huu ade, na odii Yesu akyi yii Onyankopɔn ayɛ. Na wɔn a wohuu ayaresa no nyinaa nso yii Onyankopɔn ayɛ.