8 Bere a nnipa no renwiinwii no, Sakeo begyinaa Yesu nkyɛn kae se, "Awurade, nnɛ, mede mʼahode mu fa kyɛ ahiafo, na sɛ masisi obi wɔ biribi mu a, metua mmɔho anan ama no."
9 Yesu ka kyerɛɛ no se, "Nnɛ na nkwagye aba ofi yi mu, efisɛ oyi nso yɛ Abraham ba.