22 Enti eye sɛ yetua tow ma Kaesare aban anaasɛ enye?"20.22 Sɛ ɔpene sɛ wontua tow mma Kaesare a na wadi nnipa no huammɔ. Sɛ ɔka se wontua nso a, ɛbɛhaw Roma aban mu mpanyimfo. Nsɛmmisafo no bisaa Yesu asɛm yi de sum no afiri.
23 Yesu huu wɔn adwemmɔne no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, 24 "Momma me sika. Hena mfoni ne din na ɛwɔ so yi?"
Wobuaa no se, "Ɛyɛ Kaesare dea."
25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Ɛno de, momfa Kaesare de mma Kaesare na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn."