Pular para o conteúdo
Publicidade

Luka 20:22-25

WASNA Bíblia Contemporânea Asante Twi

22 Enti, ɛyɛ sɛ yɛtua toɔ ma Kaesare aban anaasɛ ɛnyɛ?"20.22 Sɛ wɔpene sɛ wɔntua toɔ mma Kaesare a na wɔadi nnipa no hwammɔ. Sɛ wɔka sɛ wɔntua nso a, ɛbɛha Roma aban mu mpanimfoɔ. Nsɛmmisafoɔ no bisaa Yesu asɛm yi de sum no afidie.

23 Yesu hunuu wɔn adwemmɔne no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, 24 "Momma me sika. Hwan mfoni ne din na ɛwɔ so yi?"

Wɔbuaa no sɛ, "Ɛyɛ Kaesare dea."

25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Ɛnneɛ momfa Kaesare deɛ mma Kaesare na momfa Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn."

Em outras traduções

  1. WAKNA Akuapem Twi Bíblia Contemporânea

    22 Enti eye sɛ yetua tow ma Kaesare aban anaasɛ enye?"20.22 Sɛ ɔpene sɛ wontua tow mma Kaesare a na wadi nnipa no huammɔ. Sɛ ɔka se wontua nso a, ɛbɛhaw Roma aban mu mpanyimfo. Nsɛmmisafo no bisaa Yesu asɛm yi de sum no afiri.

    23 Yesu huu wɔn adwemmɔne no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, 24 "Momma me sika. Hena mfoni ne din na ɛwɔ so yi?"

    Wobuaa no se, "Ɛyɛ Kaesare dea."

    25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Ɛno de, momfa Kaesare de mma Kaesare na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn."

Direitos das traduções citadas

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.