Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 22

Petro Pa Yesu

54 Afei wɔkyeree Yesu de no kɔɔ Ɔsɔfopanyin fi. Bere a wɔde no rekɔ no, Petro gyee ne ho kaa akyi. 55 Petro duu Ɔsɔfopanyin no fi no na asraafo no asɔ ogya adiwo a wɔreto; ɔno nso kɔtoo bi. 56 Abaawa bi huu Petro ɔreto gya no bi no, ɔhwɛɛ no dinn kae se, "Saa ɔbarima yi Yesu akyidifo no mu baako."

57 Petro san se, "Awuraa, minnim saa ɔbarima yi baabiara."

58 Ankyɛ koraa na obi foforo nso huu no kae se, "Woyɛ nʼakyidifo no mu baako."

Petro buaa no se, "Dabi, menka wɔn ho."

59 Ɛbɛyɛ dɔnhwerew akyi no, obi foforo nso san huu no ka sii so dua se, "Akyinnye biara nni ho saa damfo yi ka Yesu asuafo no ho, efisɛ ɔno nso Galileani, na ne kasa koraa da no adi."

60 Petro san ne mprɛnsa so se, "Owura, asɛm a woreka yi nyɛ nokware." Nʼano ansi koraa na akokɔ bɔnee. 61 Saa bere no ara mu na Yesu twaa nʼani hwɛɛ Petro anim. Ɛhɔ ara na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no se, "Nnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa" no, 62 Petro de awerɛhow fii adi kosui.

Veja também