Pular para o conteúdo
Publicidade

Luka 23:39-43

WAKNA Akuapem Twi Bíblia Contemporânea

39 Nnebɔneyɛfo baanu a na wɔn nso wɔabɔ wɔn asennua mu no mu baako dii Yesu ho fɛw se, "Ɛnyɛ wone Kristo no? Gye wo ho na gye yɛn nso."

40 Nanso ɔdebɔneyɛni a ɔka ho no kaa nʼanim se, "Wunsuro Onyankopɔn? Hu sɛ yɛn nyinaa wɔ afɔbu koro no ara mu. 41 Yɛn de, saa asotwe yi fata yɛn; yɛn bɔne so akatua na yɛanya yi, na oyi de, ɔnyɛɛ bɔne biara."

42 Ɔsan kae se, "Yesu, wudu wʼahenni mu a kae me."

43 Yesu buaa no se, "Merehyɛ wo bɔ se nnɛ wobɛka me ho wɔ Paradise."

Em outras traduções

  1. WASNA Bíblia Contemporânea Asante Twi

    39 Nnebɔneyɛfoɔ baanu a na wɔn nso wɔabɔ wɔn asɛnnua mu no mu baako dii Yesu ho fɛ sɛ, "Ɛnyɛ wone Kristo no? Gye wo ho na gye yɛn nso."

    40 Nanso, ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔka ho no, kaa nʼanim sɛ, "Wonsuro Onyankopɔn? Hunu sɛ yɛn nyinaa wɔ afɔbuo korɔ no ara mu. 41 Yɛn deɛ, saa asotwe yi fata yɛn; yɛn bɔne so akatua na yɛanya yi, na yei deɛ, ɔnyɛɛ bɔne biara."

    42 Ɔsane kaa sɛ, "Yesu, woduru wʼAhennie mu a, kae me."

    43 Yesu buaa no sɛ, "Merehyɛ wo bɔ sɛ, ɛnnɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise."

Direitos das traduções citadas

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.