39 Nnebɔneyɛfoɔ baanu a na wɔn nso wɔabɔ wɔn asɛnnua mu no mu baako dii Yesu ho fɛ sɛ, "Ɛnyɛ wone Kristo no? Gye wo ho na gye yɛn nso."
40 Nanso, ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔka ho no, kaa nʼanim sɛ, "Wonsuro Onyankopɔn? Hunu sɛ yɛn nyinaa wɔ afɔbuo korɔ no ara mu. 41 Yɛn deɛ, saa asotwe yi fata yɛn; yɛn bɔne so akatua na yɛanya yi, na yei deɛ, ɔnyɛɛ bɔne biara."
42 Ɔsane kaa sɛ, "Yesu, woduru wʼAhennie mu a, kae me."
43 Yesu buaa no sɛ, "Merehyɛ wo bɔ sɛ, ɛnnɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise."