Wɔpo Yesu Wɔ Nasaret
16 Yesu baa Nasaret, kurow a ne mmofraase wɔtetew no wɔ mu no mu. Na sɛnea ɔtaa yɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu homeda. Ɔsɔre kɔɔ anim sɛ ɔrekɔkenkan Kyerɛwsɛm. 17 Wɔde Odiyifo Yesaia nhoma hyɛɛ ne nsa na obuee baabi a wɔakyerɛw se,
18 "Awurade Honhom wɔ me so,
na wɔafrɛ me sɛ
memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo.
Na menka nkyerɛ wɔn a wɔwɔ nnommum mu se,
wobenya ahofadi,
na anifuraefo ahu ade ama wɔn a wobu wɔn animtiaa nso anya anuonyam.
19 Honhom no asoma me sɛ memmɛka se, Awurade adom no aba."
20 Ɔtoo nhoma no mu de maa ɔhwɛfo no na ɔtenaa ase; na obiara a ɔwɔ hyiadan no mu hɔ no hwɛɛ no komm. 21 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Nnɛ na Kyerɛwsɛm no aba mu."