Wɔpo Yesu Wɔ Nasaret
16 Yesu baa Nasaret, kuro a ne mmɔfraase wɔtetee no wɔ mu no mu. Na sɛdeɛ ɔtaa yɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu homeda. Ɔsɔre kɔɔ anim sɛ ɔrekɔkenkan Atwerɛsɛm. 17 Wɔde Odiyifoɔ Yesaia nwoma hyɛɛ ne nsa na ɔbuee baabi a wɔatwerɛ sɛ,
18 "Awurade Honhom wɔ me so,
na wɔayi me sɛ
memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ.
Na menka nkyerɛ wɔn a wɔwɔ nnommum mu sɛ,
wɔbɛnya ahofadie,
na anifirafoɔ ahunu adeɛ ama wɔn a wɔbu wɔn animtiaa nso anya animuonyam.
19 Honhom no asoma me sɛ memmɛka sɛ, Awurade adom no aba."
20 Ɔtoo nwoma no mu de maa ɔhwɛfoɔ no na ɔtenaa ase; na obiara a ɔwɔ hyiadan no mu hɔ no hwɛɛ no dinn. 21 Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Ɛnnɛ na Atwerɛsɛm no aba mu."