Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 5

Asuafo A Wodi Kan No Frɛ

1 Da bi a Yesu reka asɛmpa Genesaret ɔtare ho no, nnipakuw bɛkyeree ne so wɔrebetie Onyankopɔn asɛm. 2 Ohuu akorow abien a apopofo bi a wɔhohoro wɔn asau mu no agyaw ɔtare no ho. 3 Yesu kɔtenaa ɔkorow no baako a na ɛyɛ Simon de no mu. Ɔka kyerɛɛ Simon se ompia nkɔ asu no mu kakra sɛnea ɛbɛyɛ a, obetumi afi akasa akyerɛ nnipa no.

4 Yesu wiee nʼasɛnka no, ɔka kyerɛɛ Simon se, "Hare baabi a emu kakra na munkogu mo asau no na mubeyi nam bebree."

5 Simon kae se, "Owura, yɛyɛɛ adwuma anadwo mu no nyinaa yɛannya hwee, nanso wʼasɛm nti, yebegu yɛn asau no."

6 Woguu asau no na woyii nam bebree maa anka mpo asau no retetew. 7 Wɔfrɛɛ wɔn mfɛfo a wɔwɔ ɔkorow baako no mu no ma wɔbɛboaa wɔn twee asau no. Nam no yɛɛ akorow abien no nyinaa amaama a anka ɛreyɛ amem mpo.

8 Simon Petro huu nea aba no, obuu Yesu nkotodwe kae se, "Me wura, mesrɛ wo fi me nkyɛn na meyɛ ɔdebɔneyɛni a mensɛ wobɛn me." 9 Nam dodow a woyii no yɛɛ Petro ne ne ne dɔm no nwonwa. 10 Saa ara nso na ɛyɛɛ Yakobo ne Yohane, Sebedeo mma no nso nwonwa.

Yesu ka kyerɛɛ Petro se, "Nsuro efi nnɛ, wobɛyɛ nnipayifo." 11 Wɔde akorow no beduu asu no ano no, wogyaw wɔn nneɛma nyinaa bedii nʼakyi.

Veja também