31 Yesu bisaa wɔn se, "Dɛn na menka mfa nnɛmma yi ho; na dɛn ho na memfa wɔn ntoto? 32 Wɔte sɛ mmofra bi a wɔregoru wɔ agodibea na wɔn mu bi reka akyerɛ afoforo se,
" ‘Yɛhyɛn mmɛn maa mo,
nanso moansaw;
yetwaa agyaadwo,
nanso moansu.’
33 Osuboni Yohane aba a onnidi na ɔnnom nsa nso muse, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’ 34 Onipa Ba no nso aba a odidi na ɔnom a muse, ‘Monhwɛ odidifo ne ɔkɔwensani a ɔyɛ towgyefo ne "nnebɔneyɛfo" adamfo!’ 35 Nanso wɔn a wodi Onyankopɔn akyi nokware mu no de, wɔn bra di adanse sɛ, nʼakwan nyinaa ye."
Ɔbea Debɔneyɛfo Sra Yesu Aduhuam
36 Farisini bi frɛɛ Yesu adidi ma ɔpenee so kɔe. 37 Ɔte hɔ redidi no, ɔbea bi a obu bra bɔne wɔ kurow no mu tee ne nka no, ɔde aduhuam bi a ɛsom bo tumpan ma kɔɔ hɔ.