Yesu Brɛ Ahum Ase
22 Da bi a Yesu ne nʼasuafo te ɔkorow mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Momma yentwa nkɔ asuogya nohɔ." Wosii mu a wɔrekɔ no, 23 Yesu dae. Saa bere no ara mu na ahum a ano yɛ den bi bɔ maa nsu bɛtaa ɔkorow no mu maa ɔkorow no yɛɛ sɛ ɛremem. Eyi maa asuafo no koma tuu yiye.
24 Asuafo no de hu ne nteɛteɛmu nyan no se, "Awurade, Awurade, yɛremem!"
Amono mu hɔ ara, Yesu sɔre teɛteɛɛ ahum a ano yɛ den ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.
25 Afei obisaa wɔn se, "Adɛn na munni gyidi?" Wɔn nyinaa suroe, de ahodwiriw bisabisaa wɔn ho wɔn ho se. "Onipa bɛn ni a mframa a ano yɛ den ne asorɔkye mpo tie no yi?"
Yesu Tu Ɔbarima Bi Ahohommɔne
26 Yesu ne nʼasuafo no twaa po no beduu Gerasefo asase a ɛne Galilea di nhwɛanim no so.