43 Ɔbea bi a mogya atu no mfirihyia dumien a obiara ntumi nsa no yare no, 44 fii Yesu akyi soo nʼatade ano. Amono mu hɔ ara na mogya a etu no no twae.
45 Yesu bisae se, "Hena na osoo mʼatade ano no no?"
Obiara buae se ɛnyɛ ɔno. Eyi maa Petro kae se, "Awurade, na sɛ nnipa no akyere wo so."
46 Yesu buaa no se, "Dabi, obi aso mʼatade mu efisɛ mete nka sɛ tumi bi afi me mu."
47 Ɔbea no huu sɛ ohintaw a ɛrenyɛ ye nti, ɔde hu ne ahopopo bebuu Yesu nkotodwe wɔ nnipa no nyinaa anim, kyerɛɛ no nea enti a osoo ne mu ne sɛnea ne ho atɔ no no. 48 Yesu ka kyerɛɛ no se, "Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo. Fa asomdwoe kɔ."