Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 8

49 Yesu gu so rekasa no, obi fi Yairo fi bɛka kyerɛɛ Yairo se, "Wo babea no anya awu enti nhaw Kyerɛkyerɛfo no bio."

50 Yesu tee asɛm no osee Yairo se, "Nsuro, gye di, na wo babea no benyan anya nkwa."

51 Oduu fie no, wamma obiara anka ne ho ankɔ ɔdan a abofra no da mu no mu gye Petro, Yohane, Yakobo ne abofra no awofo nko ara. 52 Na nnipa a wɔwɔ no nyinaa resu di awerɛhow. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Munnsu, onwui na wada."

53 Wɔserew no dii ne ho fɛw, efisɛ na wɔn de, wonim pefee wawu. 54 Yesu soo ne nsa ka kyerɛɛ no se, "Me ba, sɔre!" 55 Amono mu ara, ɔsɔree na Yesu kae se wɔmma no biribi nni. 56 Nʼawofo no ho dwiriw wɔn yiye nanso Yesu bɔɔ wɔn ano se, wɔnnka nea asi no nkyerɛ obiara.

Veja também