38 Ɔbarima bi fi nnipakuw no mu teɛɛ mu se, "Kyerɛkyerɛfo, mesrɛ wo, bra bɛhwɛ me ba a midi no bakoro ma me; 39 sɛ honhommɔne ba ne so a, amono mu, ɔteɛ mu, otwa hwe, osinsen, nʼano pu ahuru, na obu fa so, na ɛkyɛ ansa na afi ne so. 40 Na mesrɛɛ wʼasuafo no sɛ wontu honhommɔne no nanso wɔantumi."
41 Yesu kae se, "Ao! Mo a munni gyidi, mentena mo nkyɛn na minnya mo ho boasetɔ nkosi da bɛn!" Afei, ɔdan nʼani ka kyerɛɛ ɔbarima no se, "Fa wo ba no bra ha."
42 Ɔde abofra no reba no, honhommɔne no twaa no hwee fam ma osinsenii. Na Yesu teɛteɛɛ honhommɔne no maa abofra no ho yɛɛ no den na ɔde no maa nʼagya. 43 Onyankopɔn tumi ne ne kɛseyɛ a ɛdaa adi wɔ honhommɔne no tu mu no maa nnipa no ho dwiriw wɔn.
Na wɔredwinnwen nea asi yi ho no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se,