Pular para o conteúdo
Publicidade

Lamentações 4

1 Hwɛ sɛnea sikakɔkɔɔ ayera ne hyerɛn no ni

Sikakɔkɔɔ ankasa na ho abiri saa!

Wɔatoto aboɔdemmo kronkron apete

abɔnten biara so.

2 Hwɛ sɛnea Sion mmabarima a wodi mu

na anka wɔsom bo sikakɔkɔɔ no ayɛ,

mprempren wɔfa wɔn dɔte nkuku,

ɔnwemfo nsa ano adwuma!

3 Mpo adompo yi wɔn nufu

ma wɔn mma num,

nanso me nkurɔfo ayɛ atirimɔdenfo

sohori a ɔwɔ sare so.

4 Osukɔm nti, akokoaa tɛkrɛma

fam ne dodo mu;

mmofra no srɛ aduan,

nanso obiara mfa mma wɔn.

5 Wɔn a na anka wodi nnuan pa no

ohia buruburoo aka wɔn mmɔnten so.

Wɔn a wɔde sirikyi tetew wɔn no

mprempren wɔdeda nso a wɔaboa ano so.

6 Me nkurɔfo asotwe

so sen Sodom a

wotuu wɔn mpofirim no,

a wɔannya ɔboafo biara de.

7 Na wɔn ahenemma ho twa sen sukyerɛmma,

na wɔnan sen nufusu,

na wɔn nipadua no bere, na ɛwɔ ahoɔden te abohemaa,

na wɔte hoabo.

8 Nanso mprempren de, wobiri sen wusiw bɔtɔ;

na wonhu wɔn yiye mmɔnten so.

Wɔn were atwintwam wɔn nnompe so;

ho awo wosee abaa.

9 Wɔn a wɔtotɔɔ afoa ano no ye koraa

sen wɔn a ɔkɔm kunkum wɔn;

ɔkɔm tware wɔn ma wowuwu,

esiane aduan a enni mfuw so nti.

10 Mmea a wɔwɔ ayamhyehye

de wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma,

ayɛ wɔn aduan,

bere a wɔsɛee me nkurɔfo no.

11 Awurade ada nʼabufuwhyew nyinaa adi;

wahwie nʼabufuw a ano den no.

Ɔsɔɔ ogya ano Sion

ma ɛhyew ne fapem.

12 Asase so ahemfo annye anni,

wiase mu nnipa nso annye anni

atamfo betumi ahyɛn

Yerusalem apon mu.

13 Nanso esii, nʼadiyifo no bɔne

ne nʼasɔfo amumɔyɛ nti,

wɔn na wohwiee atreneefo mogya

guu kuropɔn no mu.

14 Afei wɔkeka mmɔnten so

te nnipa a wɔn ani afura.

Mogya a ama wɔn ho agu fi no nti

obiara suro ɔde ne ho bɛka wɔn ntade.

15 Nnipa teɛteɛɛ mu gu wɔn so se, "Mumfi ha nkɔ! Mo ho ntew!"

"Monkɔ, monkɔ! Mommfa mo ho nka yɛn."

woguan kɔnenam a

amanaman no mu nnipa ka se,

"Wɔrentumi ntena ha bio."

16 Awurade ankasa abɔ wɔn ahwete;

nʼani nni wɔn so bio.

Wɔmmfa nidi mma asɔfo,

na wɔn ani nsɔ mpanyimfo.

17 Nea ɛka ho bio, yɛn ani anni ammoa yɛn,

yɛpɛɛ yebenya mmoa, nanso ɛyɛɛ ɔkwa;

yefi yɛn abantenten so de yɛn ani too

ɔman a wɔrentumi nnye yɛn so.

18 Nnipa dii yɛn ntɛntɛnso yɛn anammɔntu mu,

enti yɛantumi annantew yɛn mmɔnten so.

Yɛn awiei bɛnee, na wɔkan yɛn nna,

efisɛ na yɛn awiei adu so.

19 Yɛn ataafo ho hare

sen akɔre a wɔwɔ wim;

wɔtaa yɛn faa mmepɔw so

na wɔtɛw yɛn sare so.

20 Nea Awurade asra no ngo, yɛn nkwa home ankasa no,

kɔtɔɔ wɔn mfiri mu.

Yegye dii ne nwini ase,

yebenya nkwa amanaman no mu.

21 Di ahurusi na ma wʼani nnye, Edom Babea,

wo a wote Us asase so.

Wɔde kuruwa no bɛma wo nso bi;

wobɛbow na wɔabɔ wo adagyaw.

22 Ɔbabea Sion, wʼasotwe bɛba awiei;

ɔremma wo nkɔ so ntena nnommum mu.

Nanso Ɔbabea Edom, obetua wo bɔne so ka

na wada wʼamumɔyɛ adi.

Veja também

Lamentações
Ver todos os capítulos de Lamentações