Yesu Sa Ɔbarima Bi A Ɔwɔ Ahonhommɔne Yare
1 Yesu ne nʼasuafo no twaa ɔtare no koduu Gerasefo asase so. 2 Ɔresi afi ɔkorow no mu no, ɔbarima bi a ahonhommɔne wɔ ne mu de mmirika fi amusiei behyiaa no. 3 Na saa ɔbarima yi te abonna mu a obiara ntumi mfa nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere no bio. 4 Ɔyɛ obi a na ne ho yɛ den yiye nti, sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn gu ne nsa mpo a, otumi bubu mu a obiara ntumi nkɔ nʼanim. 5 Anadwo ne awia nyinaa na ɔnenam amusiei hɔ mmepɔw no mu a, ɔde abo a ano yɛ nam twitwa ne ho.
6 Ɔbarima yi huu Yesu wɔ akyirikyiri no, otuu mmirika, bebuu no nkotodwe. 7 Ɔteɛteɛɛ mu se, "Yesu, Ɔsorosoro Nyankopɔn no Ba, dɛn na wowɔ ne me yɛ? Onyankopɔn din mu, nyɛ me ayayade biara!" 8 Yesu teɛɛ honhommɔne a ɛwɔ ɔbarima no mu no se, "Honhommɔne, fi ne mu kɔ!"
9 Yesu bisaa no se, "Wɔfrɛ wo dɛn?"
Obuaa Yesu se, "Me din de ‘Dɔm’ efisɛ yɛdɔɔso." 10 Afei ɔsrɛɛ Yesu anibere so sɛ ɔmmpam wɔn nnkɔ akyirikyiri.
11 Saa bere no na mprakokuw bi redidi wɔ bepɔw no nkyɛn baabi a ɛbɛn po no. 12 Enti ahonhommɔne no srɛɛ Yesu se, "Tu yɛn na yɛnkɔhyɛ mprako no mu." 13 Yesu maa wɔn ho kwan ma wɔkɔhyɛɛ mprako no mu. Mprakokuw bɛyɛ mpenu no de ahoɔhare sian bepɔw no koguu po no mu ma ɛfaa wɔn.
14 Mprakohwɛfo no guan baa nkurow a ɛbɛn hɔ no mu bɛkaa nea wɔahu no kyerɛɛ wɔn. Wɔn a wɔtee no kɔhwɛɛ nea asi no.