Nnipa Mpem Anan Aduanma
1 Saa mmere no mu na nnipakuw foforo bi baa Yesu nkyɛn. Esiane sɛ na hwee nni hɔ a wobedi nti, 2 Yesu frɛɛ nʼasuafo no baa ne nkyɛn, na ɔkae se, "Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabedi nnansa wɔ ha a, wonni aduan biara a wobedi bio. 3 Sɛ migya wɔn kwan sɛ wɔnkɔ a wonnidii a, anhwɛ a na wɔn mu bi atotɔ piti wɔ ɔkwan so, efisɛ wɔn mu bi fi akyirikyiri na wɔbae."
4 Nʼasuafo no bisaa no se, "Ɛhefa na yebenya aduan ama saa nnipa dodow yi wɔ sare yi so ha?"
5 Obisaa wɔn se, "Brodo dodow ahe na mowɔ?"
Wobuaa no se, "Yɛwɔ ason."
6 Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se wɔntenatena ase wɔ sare no so. Afei ɔfaa brodo ason no, na ohyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafo no ma wɔkyɛ maa nnipa no. 7 Na wɔwɔ mpataa kakra wɔ hɔ, nti Yesu hyiraa ɛno nso so de maa asuafo no sɛ wɔnkyɛ ɛno nso mma wɔn. 8 Nnipakuw no didi mee no, ogyaa wɔn kwan. 9 Nnipa a wodii aduan no dodow bɛyɛ mpem anan. Na wɔtasee ase nnikae no, ɛyɛɛ kɛntɛn ason.