Pular para o conteúdo
Publicidade

Miquéias 5

Bɔhyɛhene Bi A Ofi Betlehem

1 Mommoaboa mo asraafo ano,

akofo kuropɔn,

efisɛ atamfo atwa yɛn ho ahyia.

Wɔde abaa bɛbɔ nea odi Israel so no nʼafono so.

2 "Nanso wo, Betlehem Efrata,

ɛwɔ mu woyɛ ketewa Yuda mmusua mu de,

nanso wo mu na obi befi ama me

a obedi Israel so,

na nʼase fi teteete."

3 Enti wobɛto Israelfo paahwii,

kosi ɔbea a awo aka no no bɛwo

na ne nuanom mmarima nkae

bɛsan akɔka Israelfo ho.

4 Ɔbɛsɔre ahwɛ ne nguankuw

Awurade ahoɔden mu,

Awurade ne Nyankopɔn din kɛseyɛ mu.

Na wɔbɛtena asomdwoe mu, na afei

ne kɛseyɛ bedu asase awiei.

5 Na ɔbɛyɛ wɔn asomdwoe.

Asiriafo bɛtow ahyɛ yɛn asase so,

na wɔbɔ nsra fa yɛn aban mu a,

yɛde nguanhwɛfo baason,

mpo asahene baawɔtwe behyia wɔn.

6 Wɔde afoa bedi Asiria asase so,

wɔbɛtwe afoa de adi Nimrod asase so.

Asiriafo tow hyɛ yɛn so,

nsra fa yɛn ahye so a,

obegye yɛn afi wɔn nsam.

7 Yakob asefo nkae no

bɛfrafra nnipa bebree mu

te obosu a efi Awurade,

te osu a ɛpete gu sare so

a ɛntwɛn ɔdesani,

na ɔdesani biara rentumi nsiw ho kwan.

8 Wɔbɛkan Yakob asefo nkae no afra aman no mu,

wɔbɛfrafra nnipa bebree mu

te gyata a ɔfra mmoa mu kwae mu,

te gyata ba a ɔfra nguankuw mu

a ɔbobɔ wɔn tetew wɔn mu

na obiara ntumi nnye wɔn.

9 Wɔbɛma wo nsa so woadi wʼatamfo so nkonim,

na wɔbɛsɛe wʼatamfo nyinaa.

10 "Saa da no," sɛnea Awurade se ni,

"Mɛsɛe apɔnkɔ a wowɔ

na mabubu wo nteaseɛnam.

11 Mɛsɛe nkuropɔn a ɛwɔ wʼasase so

na madwiriw wo bammɔ dennen nyinaa agu.

12 Mɛsɛe wʼabayisɛm

na wo ntafowayi to betwa.

13 Mɛsɛe nsɛsode a wode wo nsa ayɛ

ne abo ahoni a wowɔ no,

na worenkotow nsɔre

wo nsa ano adwuma bio.

14 Metutu Asera abosomnnua no afi wo mu

na masɛe wo nkuropɔn.

15 Aman a wɔantie mʼasɛm no nyinaa,

mede abufuw ne abufuwhyew bɛtɔ wɔn so were."

Veja também