Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 13

Nwura Ho No Nkyerɛase

36 Afei Yesu fii nnipadɔm no nkyɛn kɔɔ fie. Nʼasuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se ɔnkyerɛ wɔn a ɛfa nwura ne aburow ho no ase.

37 Yesu buaa wɔn se, "Me Onipa Ba no, mene okuafo a oduaa aburow no. 38 Afuw no ne wiase, na aburow no nso gyina ma wɔn a wɔyɛ Ahenni no mma; nwura no nso gyina ma wɔn a wɔyɛ ɔbonsam mma. 39 Ɔtamfo a oduaa nwura fraa aburow no ne ɔbɔnefo no. Otwabere no wiase awiei; atwafo no ne abɔfo no.

40 "Sɛnea asɛnka no mu, wotutuu nwura no fii aburow no mu kɔhyew no no, saa ara na ɛbɛyɛ wiase awiei. 41 Onipa Ba no bɛsoma nʼabɔfo, na wɔabɛboaboa wɔn a wɔpɛ bɔne, nsɛmmɔnedifo nyinaa ano afi Ahenni no mu, 42 na wɔatow wɔn agu ogyatannaa no mu, ahyew wɔn. Ɛhɔ na osu ne setwɛre . 43 Na atreneefo no bɛhyerɛn owia wɔn Agya Ahenni no mu. Nea ɔwɔ aso no, ma ontie!"

Veja também