3 Ɔhene Herode tee saa asɛm yi no, ɛhaw ɔne Yerusalemfo nyinaa adwene yiye. 4 Ɔhene Herode frɛɛ ɔman no mu asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo behyiae. Obisaa wɔn se, "Ɛhefa na wɔbɛwo Kristo no?" 5 Wobuaa no se, "Betlehem a ɛwɔ Yudea. Na eyi ne nea odiyifo no kae:
6 " ‘Ao kurow Betlehem, wo a
woyɛ otitiriw wɔ Yudaman mu,
wo mu na meyi nea obedi
me man Israel anim ahwɛ wɔn so.’ "
7 Ɔhene Herode frɛɛ anyansafo no kokoa mu bisaa wɔn bere pɔtee a wohuu nsoromma no. Ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn se, 8 "Monkɔ Betlehem nkɔhwehwɛ abofra no. Sɛ muhu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔsom no bi."