Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 21

Yesu Yerusalem Ɔhempɔn

1 Aka kakra na Yesu ne nʼasuafo no adu Yerusalem no, wɔbɛn kurow bi a wɔfrɛ no Betfage a ɛwɔ Ngo Bepɔw no so no. Ɛhɔ na Yesu somaa nʼasuafo no mu baanu se, wonni kan nkɔ. 2 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, "mudu a, mubehu wɔasa afurum bi ne ne ba hama. Monsan wɔn, na momfa wɔn mmrɛ me. 3 obi ka asɛm bi kyerɛ mo a, monka nkyerɛ onipa ko no se, Wɔn ho hia Awurade,na ntɛm ara ɔbɛma mo de wɔn aba."

4 Wɔyɛɛ eyi de hyɛɛ tete nkɔmhyɛ a ɛka se,

5 "Monka nkyerɛ Ɔbabea Sion se

wo hene reba wo nkyɛn.

Odwo, na ɔte afurum ne

afurum ba so" no mu den.

6 Asuafo baanu no yɛɛ nea Yesu ka kyerɛɛ wɔn no. 7 Wɔde mmoa no brɛɛ no no, wɔde wɔn ntama sesɛw afurum no so, maa Yesu tenaa no so. 8 Nnipadɔm a wɔwɔ no bi de wɔn ntama sesɛw ɔkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso bubuu nnua mman de sesɛw ɔkwan no mu saa ara. 9 Dɔm no tu teɛe de osebɔ teɛteɛɛ mu se,

"Hosiana Dawid Ba!"

"Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no."

"Hosiana ɔsoro nohɔ!"

10 Bere a oduu Yerusalem no, kurow no nyinaa bɔɔ twi. Ɛhɔfo no bisae se, "Na hena ni?"

11 Nnipadɔm no buae se, "Ɛyɛ Yesu, Odiyifo a ofi Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu no."

Veja também